Obibiara a ɔbɛsuasua nkrɔfoɔ binom no ka wɔnom ho

Obibiara a ɔbɛsuasua nkrɔfoɔ binom no ka wɔnom ho

Yɛnyaa hadisi yi firii Ibn Umar nkyɛn Allah nnye wɔn ntom ɔkaa sɛ, Allah somafoɔ, Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no ɔkaa sɛ: <>.

[حسن] [رواه أبو داود وأحمد]

الشرح

Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no rebɔ yɛn amaneɛ sɛ obibiara a ɔbɛsuasua nkrɔfoɔ binom wɔ annyeanniefoɔ, anaa ɔbrasɛeɛfoɔ anaa apapafoɔ bi - ɛne sɛ ɔreyɛ biribi a ɛyɛ wɔn gyedie su bi, anaa wɔn nyamesom bi, anaa wɔn amammerɛ bi- na ɔka wɔn ho; ɛfiri sɛ woresuasua wɔnom apueɛ (honam) mu no kyerɛ sɛ woresuasua wɔnom wɔ kokoam mu (akoma) mu, na akyinnyeɛ biara nni mu sɛ woresuasua nkrɔfoɔ binom firi w'ani a ɛgye wɔn ho nti, na ɛbetumi ama wadɔ wɔn, na wakrɔn wɔn, na wode wo ho ato wɔn so, na wei kyerɛ sɛ onipa bi betumi asuasua nkrɔfoɔ binom wɔ kokoam mu ne nyamesom mu- Allah mpa nnwu.

فوائد الحديث

Ɔrebɔ yɛn kɔkɔ sɛ yɛbɛsuasua annyeanniefoɔ ne ɔbrasɛeɛfoɔ.

Ɔrehyɛ yɛn nkuran sɛ yɛbɛsuasua apapafoɔ na yɛdi wɔn akyi.

Woresuasua nkrɔfoɔ binom anisoɔ ma wonya ɔdɔ bi akoma mu.

Onipa bi bɔne ne n'asotwee gyina sɛneɛ ɔsuasua nkrɔfoɔ binom ne adeɛ a ɔresuasua no so.

Ɔbra yɛn sɛ yɛbɛsuasua annyeanniefoɔ wɔ wɔn som mu ne amammerɛ bi a ɛyɛ wɔn deɛ pɔtee, na mmom deɛ ɛnte saa te sɛ nsaano dwuma bi ne deɛ ɛkeka ho no nka deɛ wabra no ho.

التصنيفات

Forbidden Emulation